Yare no trεw denam nsu a εwͻ mmoawa no a εka obi. Mmoawa yi fi nsu mu nwaw a wͻwͻ mmoawa yi mu. Yare yi abu so wͻ mmofra a wͻwͻ aman a ehia wͻn mu esiane sε mmofra yi taa di agoru wͻ nsu a mmoawa yi wom mu. Afoforo a wotumi nya bi ne akuafo, apofofo, ne afoforo a wͻde nsu yi di dwuma.[1]Yare yi wͻ yare a nsonsono de ba .[2]Wͻnam nsonsono yi nkesua a wͻhwehwε wͻ obi dwensͻ anaa agyanan mu na εyε yare yi mu nhwehwεmu. Wobetumi nso ahu denam nipaduam nnuru a εko yare mu a wͻhwehwε wͻ mogya mu.[1]
Akwan a wͻfa so siw yare yi kwan bi ne nsu a emu tew a wͻde di dwuma ne nsu mu nwaw a wokum wͻn. Wͻ mmeae a yare yi abu so no, aduru praziquantel yε nea wobetumi de ama nnipakuw no. Wͻyε eyi de tew nipa a wͻanya yare yi dodow so, na εnam so asiw yare no trεw ano. Praziquantel ne aduru a Wiase Akwanhosan Ahyehyεde (WHO) akamfo de akyerε.[1]
Nipa bεyε ͻpepem ahanu ne du na wonyaa nsu mu nwaw atiridii(schistosomiasis) wͻ wiase nyinaa wͻ afe 2012 mu. [3] Nipa bεyε mpem dumien kosi[4] mpem ahanu na wͻfa mu wu afe biara.[5] Yare yi abu so wͻ Afrika, Asia ne Amεrika Anafo.[1] Nipa bεyε ͻpepem ahansͻn wͻ aman bεboro aduosͻn na wͻtete mmeae a yare yi abu so mu.[5][6] Wͻ aman a ͻhyew wom no, nsu mu nwaw atiridii na edi atiridii(ntontom de) akyi wͻ nyarewa a εtete saa mu a εde sikasεm haw ba.[7] Wͻakyerε sε nsu mu nwaw atiridii(schistosomiasis) yε yare a wͻabu ani agu so .[8]
↑Lozano, R.; Naghavi, M.; Foreman, K.; Lim, S.; Shibuya, K.; Aboyans, V.; Abraham, J.; Adair, T.; Aggarwal, R. (15 December 2012). "Global and regional mortality from 235 causes of death for 20 age groups in 1990 and 2010: a systematic analysis for the Global Burden of Disease Study 2010". Lancet. 380 (9859): 2095–128. doi:10.1016/S0140-6736(12)61728-0. PMID23245604. {{cite journal}}: Unknown parameter |displayauthors= ignored (help)
↑ 5.05.1Thétiot-Laurent, S. A.; Boissier, J.; Robert, A.; Meunier, B. (27 June 2013). "Schistosomiasis Chemotherapy". Angewandte Chemie International Edition in English. 52 (31): 7936–56. doi:10.1002/anie.201208390. PMID23813602.